Wikipedia
twwiki
https://tw.wikipedia.org/wiki/Kratafa_Titiriw
MediaWiki 1.46.0-wmf.23
first-letter
Media
Soronko
Nkitahode
Dwumadini
Dwumadini nkitahode
Wikipedia
Wikipedia nkitahode
File
File nkitahode
MediaWiki
MediaWiki nkitahode
Nhwɛsoɔ
Nhwɛsoɔ nkitahode
Mmoa
Mmoa nkitahode
Nkyekyεmu
Nkyekyεmu nkitahode
TimedText
TimedText talk
Module
Module talk
Event
Event talk
Mummuni Abudu Seidu
0
11684
199355
190939
2026-04-14T20:44:54Z
Andre Engels
125
Redirected page to [[Mumuni Abudu Seidu]]
199355
wikitext
text/x-wiki
#REDIRECT [[Mumuni Abudu Seidu]]
h4mwl50ubym7uiji9ual3giuif8c5rm
Ebi bright
0
17953
199354
197553
2026-04-14T18:25:06Z
Yaw tuba
16280
made corrections #TWI
199354
wikitext
text/x-wiki
Ebi Bright <ref>{{Citation |title=Ebi Bright |date=2026-03-12 |url=https://en.wikipedia.org/w/index.php?title=Ebi_Bright&oldid=1343095479 |work=Wikipedia |language=en |access-date=2026-03-12}}</ref>yɛ Ghana amammuifoɔ, nkɔsoɔ nkitahodifoɔ, ne kan odiyifoɔ a mprempren Metropolitan Adwumayɛfo Panyin a ɔhwɛ [[Tema]] so .Wɔpaw no wɔ saa dibea yi mu wɔ May 2025 mu, na ɔno ne ɔbea a odi kan a ɔsom sɛ Tema Metropolitan Nhyiam<ref>{{Citation |title=Ebi Bright |date=2026-03-12 |url=https://en.wikipedia.org/w/index.php?title=Ebi_Bright&oldid=1343095479 |work=Wikipedia |language=en |access-date=2026-03-12}}</ref><ref>{{Citation |title=Ebi Bright |date=2026-03-12 |url=https://en.wikipedia.org/w/index.php?title=Ebi_Bright&oldid=1343095479 |work=Wikipedia |language=en |access-date=2026-03-12}}</ref>no sohwɛfo panyin.Na wonim Ebi Bright wɔ Ghana sini adwuma mu ne sɛ obi a ɔyɛ asetena mu ɔbenfo ansa na ɔrebɛka amammuisɛm ho.
== Mfitiase asetra ne nhomasua ==
Ebi Bright maame firi Ada wɔ [[Gaana|Ghana]] ɛna ne papa fi Bayelsa Mantam mu [[Nigeria]].Ɛwom sɛ wɔwoo Ebi Bright wɔ Nigeria de, nanso onyinii wɔ Ghana.Ebi Bright akyigyina dii dwuma titiriw wɔ n’adwuma sɛ asetra mu ɔdeyɛfo no mu.
Ebi Bright dii nhyehyɛe bi akyi wɔ Nkɔso Nkitahodi mu fii Afrika Sukuupɔn Nkitahodi Sukuu a ɛwɔ Nkran, Ghana.Sɛnea ɛbɛyɛ a n’akannifo ne adwuma sohwɛ ho nimdeɛ bɛtu mpɔn no Ebi Bright dii adesua a ɛfa General Management ho wɔ Leicesterin Sukuupɔn mu wɔ United Kingdom.Ebi Bright nso ka Franse kasa, efisɛ onyaa kasa ho adansedi nkrataa anan fii Center International de Recherche et d’Études de Languesin France hɔ.
== Adwuma ==
=== Anigyideɛ ===
Ansa na ɔrekɔ amammuisɛm mu no, na wayɛ sini bɛboro du.Ɔbɛyɛɛ obi a nkurɔfo ani gye ne ho wɔ sini a oyii ne ho adi wɔ mu a Hero Productions na ɛyɛe a wɔtoo din The Game.<ref>{{Citation |title=Ebi Bright |date=2026-03-12 |url=https://en.wikipedia.org/w/index.php?title=Ebi_Bright&oldid=1343095479 |work=Wikipedia |language=en |access-date=2026-03-12}}</ref> Ɛnam adwinni so na onyaa asɛnka agua a ɔde bɛboaboa ɔmanfo ano na akyiri yi ɔde ne ho hyɛɛ amammuisɛm mu.
=== Amammui mu adwuma ===
Ebi Bright yɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Bagua (NDC) no muni .Nea edi kan a ɔkɔɔ amammuisɛm mu ne akansi a ɔde hwehwɛɛ dibea a ɛne Mmarahyɛ Bagua no muni (MP) maa Tema Central Constituency.Ɛwom sɛ wanni nkonim wɔ akansi no mu de, nanso wobehuu no wɔ ne dwumadi ahorow a ɔyɛe wɔ ɔmantam a wɔpaw no no mu.
Wɔsii Ebi Bright<ref>{{Citation |title=Ebi Bright |date=2026-03-12 |url=https://en.wikipedia.org/w/index.php?title=Ebi_Bright&oldid=1343095479 |work=Wikipedia |language=en |access-date=2026-03-12}}</ref> so dua sɛ Metropolitan Chief Executive wɔ Tema Metropolitan Assembly wɔ 9th of May 2025, a nhyiamu no mufoɔ no penee so kɛseɛ.Ɛnam ne paw so na mmaa tumi nyaa wɔn adwene wɔ mpɔtam hɔ atumfoɔ a wɔwɔ Ghana no nnisoɔ mu, ɛfiri sɛ ɔbɛyɛɛ ɔbaa a ɔdi kan a ɔdii saa dibea no.
Bere a ɔfaa dibea no, ɔde "Ɔkwan Pa a Wɔfa so Bom" nhyehyɛe no too gua, a na ne botae ne sɛ ɔbɛsan de Tema akɔ ne mfitiase nhyehyɛe kɛse no mu sɛ nnɛyi mfiridwuma beae.
== Nsɛm a wɔde gyinaa so ==
kvosxie6rf9gwfd9p1dglu57ct0cv6y
Angola Ɔbaapanyini
0
17960
199353
197907
2026-04-14T16:04:24Z
InternetArchiveBot
10377
Rescuing 1 sources and tagging 0 as dead.) #IABot (v2.0.9.5
199353
wikitext
text/x-wiki
'''Angola Ɔbaapanyini''' anaa '''Awuraba a Odi Kan''' (a wɔka wɔ Portuguese kasa mu se ('''Primeira-dama de Angola''') yɛ abodin a [[President of Angola|Angola Ɔmanpanyini]] no yere kura. Wɔ mmerɛ kakra mu no, Awuraba a odi kan no dwumadie asesa, na atu mpɔn, a mprempren yi dwumadie ahodoɔ bi te sɛ amanyɔsɛm dawurobɔ, ɔmanpayini atenaeɛ ntotoeɛ, dawurobɔ ma asetena mu nsɛnsɛm, ananmusie ma Ɔmanpanyini no wɔ aban nhyiamu ahodoɔ ase abɛka ho.
[[Ana Dias Lourenço]] na mprempren yi ɔyɛ Angola Awuraba a odi kan. Ɔfaa dibea no wɔ Ɛbɔ bosome, ne da a ɛtɔ so aduonu-nsia (26) wɔ afe 2017 mu, berɛ a ne kunu [[João Lourenço]] bɛyɛɛ ɔmampanyini no. Wɔ aman pii mu no, wobu Awuraba a odi kan no dwumadie sɛ dibea a ɛho hia na ɛwɔ nsunsuansoɔ, na ɔmanfoɔ no tae di wɔn ani di mmaa a wɔdi kan no akyi, na wɔnya nsunsuansoɔ wɔ dwumadie ahodoɔ mu, mpo mmerɛ a wɔn kununom dwumadiberɛ aba awieɛ no.
Wɔ Angola no, Awuraba a Odi Kan no dwumadie nso anya nkɔsoɔ fiti aberɛ rekɔ aberɛ soɔ no, firi ne dibea sɛ onipa titire so kɔsi ɔredi adwuma titire mu ntintiman, ɛfiti asetena mu nsɛm de kɔsi sɛ ɔresɔ Ɔmanpanyini no amanyɔsɛm nhyehyɛeɛ no asene. Awuraba a odi kan no taa ka Ɔmampanyini no ho wɔ aban akwantuo ahodoɔ mu, na ɔgyina Angola ananmu wɔ ɔman ne amanaman ntam nhyiamu ahodoɔ ase. Awuraba a Odi Kan no gyinabea nso kura tumi ne kɛseyɛ wɔ ɔman no mu, na ɔmanfoɔ ne nsɛmtwerɛfoɔ ani taa di wɔn dwumadie ne wɔn nhyehyɛeɛ ahodoɔ akyi. Sɛ Awuraba a Odi Kan no nni hɔ a, abusuani a ɔyɛ ɔbaa anaa aban ananmuni betumi aka Ɔmanpanyin no ho.<ref>[https://oaflad.org/en/oaflad_members/h-e-ana-afonso-dias-lourenco/ "H.E. Mrs Ana Afonso Dias Lourenço – oaflad"]. Retrieved 2022-12-30</ref>
== Abakɔsɛm ==
Onipa a odii kan nyaa diberɛ sɛ Angola Awuraba a odi kan ne [[Maria Eugénia Neto]], [[Agostinho Neto]] yere, a ɔbɛyɛɛ Angola ɔmanpanyin a odi kan berɛ a ɔman no nyaa [[Angolan War of Independence|ahofadie firi Portugal nsam]] wɔ afe 1975 mu. Ná ɔyɛ anwensɛm twerɛfoɔ ne obi a ɔpere hwehwɛ amammuo nkankorɔ, na ɔboaa ne kunu wɔ ɔman no ahofadie ho aperepereɛdie no mu. Ɔne [[:en:Organization_of_Angolan_Women|Organization of Angolan Women]] (OMA) a ɛyɛ [[Organization of Angolan Women|Angola Mmaa Nkabomukuo]] yɛɛ adwuma firi afe 1968 mu, a na ekuo no botaeɛ ne sɛ wɔbɛboaboa mmaa ano ama ahofadie anammɔntuo ne asetena mu nkɔsoɔ. Ɔkɔɔ so yɛɛ ɔman no Awuraba a ɔdi kan kɔsii sɛ ne kunu wuiɛ wɔ afe 1979 mu.<ref>{{cite journal|last=Novicki|first=Margaret A.|date=January–February 1987|title=Maria Eugenia Neto|url=https://www.proquest.com/openview/a5f3b491a879e38024717430639580ec/1?pq-origsite=gscholar&cbl=1820943|access-date=10 January 2024|journal=Africa Report|volume=32|issue=1|publisher=[[Africa-America Institute]]|location=New York, New York|pages=31–34|issn=0001-9836|id={{ProQuest|<!-- add ProQuest data here -->}}}}{{subscription required}}</ref>
Awuraba a odi kan a ɔtɔ so mmienu ne Tatiana Kukanova, Soviet ɔman ba a ɔwaree [[José Eduardo dos Santos]] wɔ afe 1970 mu. Ɔhyiaa no berɛ a na ɔresua adeɛ wɔ Azerbaijan, na ɔdii n’akyi kɔɔ Angola berɛ a ɔman no nyaa ahofadie akyi no. Ná ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ ne nsɛm asekyerɛfoɔ a ɔka kasa ahodoɔ pii. Ɔsane nso boaa asetena mu nhyehyɛdeɛ ahodoɔ te sɛ nnwomasua, akwahosan ne ayaresa ho nsɛm, ne mmaa faahodie nsɛm ahodoɔ. Ɔgyaee dos Santos wɔ afe 1984 mu, na ɔne wɔn babaa Isabel dos Santos, a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Afrika ɔbaa ɔdefoɔ sene ɔbaa biara no, sane kɔɔ Azerbaijan.<ref>[https://web.archive.org/web/20250719123131/https://www.pressmediawire.com/how-tatiana-kukanova-structures-her-writing/ "How Tatiana Kukanova Structures Her Writing"]. 24 June 2019. Retrieved 2022-12-30.</ref>
Awuraba a odi kan a ɔto so mmiensa wɔ ɔman no mu ne [[Ana Paula dos Santos]], kane ntadehyɛ ho mfonyiniyɛfoɔ ne wiemhyɛn mu ahɔhoyɛfoɔ a ɔwaree dos Santos wɔ afe 1991 mu. Ɔsomm sɛ Awuraba a odi kan mfeɛ aduonu-nsia (26), na ɛmaa ɔbɛyɛɛ ɔbaa a ɔkuraa saa abodin yi betɛ tentene paa ara. Ɔwiee mmara ho adesua wɔ [[:en:Agostinho_Neto_University|Agostinho Neto University]], na ɔde ne ho hyɛɛ adɔeɛ ne nnipa mmoa nhyehyɛeɛ ahodoɔ pii mu. Ɔhyehyɛɛ [[Lwini Foundation]] a ɛfa asetena mu akyitaeɛ, a ɛboa wɔn a wɔn ho aka wɔ asaase so atopaeɛ ho, mmaa ne mmɔfra. Ɔsane nso gyinaa Angola ananmu wɔ amanaman ntam nhyiamu ahodoɔ te sɛ Micro-credit Summit ɛma Aman Asoafoɔ ne Aban ahodoɔ wɔ Washington, D.C., afe 1997 mu.<sup class="noprint Inline-Template Template-Fact" style="white-space:nowrap;">[ ''[[Wikipedia:Citation needed|<span title="This claim needs references to reliable sources. (May 2025)">ɛho hia sɛ wɔtwe adwene si so</span>]]'' ]</sup>
Ɔbaa Panyin a ɔtɔ so nnan, a mprenpren yi, ɔyɛ ɔman no Awuraba a Ɔdi Kan ne [[Ana Dias Lourenço]], sikasɛm ho ɔbenfoɔ, amanyɔni ne kane aban soafoɔ a ɔwaree João Lourenço wɔ afe 1989 mu. Ɔwɔ sikasɛm ho abodin krataa wɔ Agostinho Neto Sukuupɔn mu ne adansedie krataa wɔ sikasɛm nhyehyɛeɛ akɛseɛ ntotoeɛ mu. Ɔsomm sɛ Angola Nhyehyɛeɛ Soafoɔ firi afe 1999 kɔsi afe 2012 mu, na ɔyɛɛ kwankyerɛfoɔ panin wɔ [[World Bank Group|Wiase Sikakorabea Kuo]] ([[:en:World_Bank_Group|World Bank Group]]) no mu firi afe 2014 kɔsi afe 2016. Ɔsane nso dii dibea ahodoɔ sɛ Ɔman Akontabuo Badwa no Titenani, SADC Badwa no Titenani, FED Fotoɔ no Ɔman Ntamgyinafoɔ, Angola Amrado a ɔhwɛ Wiase Sikakorabea ne [[African Development Bank|Afrika Nkɔsoɔ Sikakorabea]]([[:en:African_Development_Bank|African Development Bank]]) so ne [[National Bank of Angola|Aban Sikasɛm ho Badwakuo]] no muni. Ɔbɛyɛɛ First Lady wɔ afe 2017 mu berɛ a wɔpaa ne kunu sɛ ɔmampanyini.<ref>[https://woman.forumdaily.com/en/kak-rossiyanka-stala-zhenoj-prezidenta-angoly-i-materyu-samoj-bogatoj-zhenshhiny-afriki/ "How the Russian woman became the wife of the President of Angola and the mother of the richest woman in Africa"]. 16 March 2021. Retrieved 2022-12-30.</ref>
== Mmaa a wɔayɛ Ɔbaapanyini a Ɔdi Kan wɔ Ɔman yi mu ==
{| class="wikitable sortable"
|+
!Amammuo Korɔ
!Mfonyini
!Edin
!Dwumadiberɛ
!Mfeɛ wɔ dwumadie mfittiaseɛ
!Ɔmanpanyin (Ɔbaapanyin no hokani
|-
|1
|
|'''Maria Eugénia Neto'''
awoda. 8 Ɔbɛnem, 1934
|11 Ɔbubuo 1975 – 10 Ɛbɔ 1979
|mfeɛ 41, nna 244
|[[File:President MPLA, heer Neto door Den Uyl ontvangen premier Den Uyl en A Neto (r), Bestanddeelnr 927-8518 (cropped).jpg|thumb|Agostinho Neto]]
|-
|Nsiananmu kɔsi sɛ wɔyii ɔmanpanyin foforɔ
|
|'''Ruth Lara'''
awoda. 17 Ɛbɔ, 1936
owuda. 25 Ahinime, 2000
|11 Ɛbɔ 1979 — 20 Ɛbɔ 1979
|mfeɛ 42, nna 359
|
|-
|2
|
|'''Tatiana Kukanova'''
|21 Ɛbɔ 1979 – 1980
|Wɔnnim
|
|-
|Obiara nni hɔ
|Obiara nni hɔ
|Obiara nni hɔ
|
|
|''Aban mu: 1979–2017''
|-
|3
|[[File:Dr Ana Paula Dos Santos.png|thumb]]
|'''Ana Paula dos Santos'''
awoda. 23 May 1963
|1980 – 1991
|mfeɛ 27, nna 210
|''Aban mu: 1979–2017''
|-
|4
|[[File:23.05.2025 - Chegada do Presidente da República de Angola, João Lourenço e da senhora Ana Dias Lourenço (54538821512) (cropped).jpg|thumb]]
|'''Ana Dias Lourenço'''
awoda. 17 Ɔgyefoɔ, 1958
|17 Kotonimaa 1991 – 25 Ɛbɔ 2017
|mfeɛ 60, nna 154
|[[File:João Lourenço Speaker's Balcony 2021.jpg|thumb|João Lourenço]]''Aban mu: 2017–nnɛ''
|}
= Mmeaɛ a menyaa mmoa firiiɛ =
f6s63boqtdsfu8dl1tmctzvjvfjvfvx